Yeremia 51:36
Jeremiah 51:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti yei ne deɛ Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛdi mo asɛm ama mo na matɔ were ama mo; Mɛma ɛpo a ɛwɔ no no awe na mama ne asutene awewe.
Jeremiah 51:36 in English
Jeremiah 51:36 · Berean Standard Bible
Therefore this is what the LORD says: “Behold, I will plead your case and take vengeance on your behalf; I will dry up her sea and make her springs run dry.
Context
34“Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛ yɛn,
ɔde yɛn ato ɔhaw mu,
wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni muo.
Wamene yɛn sɛ ɔtweaseɛ no
na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma,
na wape yɛn afiri nʼanom agu. 35Ma ayakayakadeɛ a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,”
nnipa a wɔtete Sion na wɔka.
“Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,”
Yerusalem na ɔka. 36Enti yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Hwɛ, mɛdi mo asɛm ama mo
na matɔ were ama mo;
Mɛma ɛpo a ɛwɔ no no awe
na mama ne asutene awewe. 37Babilonia bɛyɛ mmubuiɛ sie,
sakraman atu
ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ,
baabi a obiara nteɛ. 38Ne nkurɔfoɔ nyinaa bobom sɛ agyata,
wɔpɔ so te sɛ agyata mma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.