Native Bible

Jeremiah 51:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ma ayakayakadeɛ a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,” nnipa a wɔtete Sion na wɔka. “Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,” Yerusalem na ɔka.

Jeremiah 51:35 in English

Jeremiah 51:35 · Berean Standard Bible

May the violence done to me and to my flesh be upon Babylon,” says the dweller of Zion. “May my blood be on the dwellers of Chaldea,” says Jerusalem.

Context

33Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: “Ɔbabaa Babilonia ayɛ sɛ ayuporobea wɔ ɛberɛ a wɔretiatia hɔ. Aka kakraa bi, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no sɛ nnɔbaeɛ no aduru.” 34“Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛ yɛn, ɔde yɛn ato ɔhaw mu, wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni muo. Wamene yɛn sɛ ɔtweaseɛ no na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma, na wape yɛn afiri nʼanom agu. 35Ma ayakayakadeɛ a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,” nnipa a wɔtete Sion na wɔka. “Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,” Yerusalem na ɔka. 36Enti yei ne deɛ Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛdi mo asɛm ama mo na matɔ were ama mo; Mɛma ɛpo a ɛwɔ no no awe na mama ne asutene awewe. 37Babilonia bɛyɛ mmubuiɛ sie, sakraman atu ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ, baabi a obiara nteɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.