Yeremia 5:8
Jeremiah 5:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mpɔnkɔnini aniberefoɔ a wɔhwɛ wɔn yie, wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi.
Jeremiah 5:8 in English
Jeremiah 5:8 · Berean Standard Bible
They are well-fed, lusty stallions, each neighing after his neighbor’s wife.
Context
6Ɛno enti gyata bi a ɔfiri kwaeɛm bɛto ahyɛ wɔn so,
pataku bi a ɔfiri anweatam so bɛtete wɔn mu.
Ɔsebɔ bi bɛtɛ wɔn abɛn wɔn nkuro
na obiara a ɔbɛyi ne ti no ɔbɛtete ne mu nketenkete,
ɛfiri sɛ wɔn adɔnyɛ no ano yɛ den
na wɔn akyirisane aboro so. 7“Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo?
Mo mma apo me
wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam.
Memaa wɔn deɛ wɔhia nyinaa,
nanso, wɔbɔɔ adwamam
na wɔbɔɔ yuu kɔɔ adwamanfoɔ afie mu. 8Mpɔnkɔnini aniberefoɔ a wɔhwɛ wɔn yie,
wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi. 9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?”
Sei na Awurade seɛ.
“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ
ɔman a ɛte sei so were anaa? 10“Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no,
nanso monnsɛe no koraa.
Mompempan ne mman no,
ɛfiri sɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.