Native Bible

Jeremiah 5:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo? Mo mma apo me wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam. Memaa wɔn deɛ wɔhia nyinaa, nanso, wɔbɔɔ adwamam na wɔbɔɔ yuu kɔɔ adwamanfoɔ afie mu.

Jeremiah 5:7 in English

Jeremiah 5:7 · Berean Standard Bible

“Why should I forgive you? Your children have forsaken Me and sworn by gods that are not gods. I satisfied their needs, yet they committed adultery and assembled at the houses of prostitutes.

Context

5Enti mɛkɔ ntuanofoɔ no nkyɛn akɔkasa akyerɛ wɔn; ampa ara wɔnim Awurade akwan deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.” Nanso wɔn nso de adwene korɔ abubu kɔnnua no atete nkyehoma no mu. 6Ɛno enti gyata bi a ɔfiri kwaeɛm bɛto ahyɛ wɔn so, pataku bi a ɔfiri anweatam so bɛtete wɔn mu. Ɔsebɔ bi bɛtɛ wɔn abɛn wɔn nkuro na obiara a ɔbɛyi ne ti no ɔbɛtete ne mu nketenkete, ɛfiri sɛ wɔn adɔnyɛ no ano yɛ den na wɔn akyirisane aboro so. 7“Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo? Mo mma apo me wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam. Memaa wɔn deɛ wɔhia nyinaa, nanso, wɔbɔɔ adwamam na wɔbɔɔ yuu kɔɔ adwamanfoɔ afie mu. 8Mpɔnkɔnini aniberefoɔ a wɔhwɛ wɔn yie, wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi. 9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?” Sei na Awurade seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sei so were anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.