Yeremia 48:46
Jeremiah 48:46 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnome nka wo Ao, Moab! Wɔasɛe Kemos nkurɔfoɔ no; wɔde wo mmammarima kɔ nnommumfa mu na wo mmammaa nso kɔ nkoasom mu.
Jeremiah 48:46 in English
Jeremiah 48:46 · Berean Standard Bible
Woe to you, O Moab! The people of Chemosh have perished; for your sons have been taken into exile and your daughters have gone into captivity.
Context
44“Deɛ ɔdwane deɛ ɛyɛ hu no
bɛtɔ nkomena mu,
deɛ ɔbɛforo afiri nkomena no mu no,
afidie bɛyi no;
na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,”
Awurade na ɔseɛ. 45“Hesbon nwunu ase
na adwanefoɔ no gyinagyina a wɔnni mmoa biara,
ɛfiri sɛ ogya bi atu afiri Hesbon;
ɛgyadɛreɛ bi firi Sihon mfimfini;
ɛhye Moabfoɔ moma,
ne ahohoahoafoɔ a wɔn ano yɛ den no ti kwankoraa. 46Nnome nka wo Ao, Moab!
Wɔasɛe Kemos nkurɔfoɔ no;
wɔde wo mmammarima kɔ nnommumfa mu
na wo mmammaa nso kɔ nkoasom mu. 47“Nanso mede Moab adenya bɛsane ama no
wɔ nna a ɛbɛba no mu,”
Awurade na ɔseɛ.
Moab atemmuo no awieeɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.