Yeremia 48:24
Jeremiah 48:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ne Keriot ne Bosra wɔ Moab nkuro nyinaa, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn.
Jeremiah 48:24 in English
Jeremiah 48:24 · Berean Standard Bible
upon Kerioth, Bozrah, and all the towns of Moab, those far and near.
Context
22Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim 23ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon 24ne Keriot ne Bosra
wɔ Moab nkuro nyinaa, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn. 25Wɔatwa Moab abɛn;
na ne basa abu,”
Awurade na ɔseɛ. 26“Momma no mmoro nsã,
ɛfiri sɛ wabu Awurade animtia.
Momma Moab nyantam wɔ ne feɛ mu;
momma no nyɛ fɛdideɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.