Native Bible

Jeremiah 32:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yieyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn akoma mu, ama wɔn asuro me, sɛdeɛ wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho da.

Jeremiah 32:40 in English

Jeremiah 32:40 · Berean Standard Bible

I will make an everlasting covenant with them: I will never turn away from doing good to them, and I will put My fear in their hearts, so that they will never turn away from Me.

Context

38Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn. 39Na mɛma wɔn akoma korɔ na wɔayɛ wɔn adeɛ abɔ mu, sɛdeɛ, ɛberɛ biara wɔbɛsuro me wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiedie enti. 40Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yieyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn akoma mu, ama wɔn asuro me, sɛdeɛ wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho da. 41Mʼani bɛgye sɛ mɛyɛ wɔn yie, na ampa ara mede mʼakoma ne me kra nyinaa bɛdua wɔn wɔ asase yi so. 42“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede amanehunu kɛseɛ yi nyinaa aba nkurɔfoɔ yi so no, saa ara na mede yiedie a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.