Yeremia 32:42
Jeremiah 32:42 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede amanehunu kɛseɛ yi nyinaa aba nkurɔfoɔ yi so no, saa ara na mede yiedie a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn.
Jeremiah 32:42 in English
Jeremiah 32:42 · Berean Standard Bible
For this is what the LORD says: Just as I have brought all this great disaster on this people, so I will bring on them all the good I have promised them.
Context
40Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yieyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn akoma mu, ama wɔn asuro me, sɛdeɛ wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho da. 41Mʼani bɛgye sɛ mɛyɛ wɔn yie, na ampa ara mede mʼakoma ne me kra nyinaa bɛdua wɔn wɔ asase yi so. 42“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede amanehunu kɛseɛ yi nyinaa aba nkurɔfoɔ yi so no, saa ara na mede yiedie a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn. 43Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, deɛ moka wɔ ho sɛ, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, ɛno enti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so.’ 44Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nwoma wɔ so. Wɔbɛsɔ ano wɔ adansefoɔ anim wɔ Benyamin mantam, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia, nkuro a ɛwɔ Yuda, bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam mmepɔ ase ne Negeb, ɛfiri sɛ, mɛsane de wɔn ahonyadeɛ ama wɔn, Awurade na ɔseɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.