Yeremia 32:43
Jeremiah 32:43 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, deɛ moka wɔ ho sɛ, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, ɛno enti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so.’
Jeremiah 32:43 in English
Jeremiah 32:43 · Berean Standard Bible
And fields will be bought in this land about which you are saying, ‘It is a desolation, without man or beast; it has been delivered into the hands of the Chaldeans.’
Context
41Mʼani bɛgye sɛ mɛyɛ wɔn yie, na ampa ara mede mʼakoma ne me kra nyinaa bɛdua wɔn wɔ asase yi so. 42“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede amanehunu kɛseɛ yi nyinaa aba nkurɔfoɔ yi so no, saa ara na mede yiedie a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn. 43Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, deɛ moka wɔ ho sɛ, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, ɛno enti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so.’ 44Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nwoma wɔ so. Wɔbɛsɔ ano wɔ adansefoɔ anim wɔ Benyamin mantam, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia, nkuro a ɛwɔ Yuda, bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam mmepɔ ase ne Negeb, ɛfiri sɛ, mɛsane de wɔn ahonyadeɛ ama wɔn, Awurade na ɔseɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.