Native Bible

Jeremiah 32:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn.

Jeremiah 32:38 in English

Jeremiah 32:38 · Berean Standard Bible

They will be My people, and I will be their God.*

Context

36“Woreka wɔ kuropɔn yi ho sɛ, ‘Wɔnam akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: 37Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mefiri mʼabufuhyeɛ mu pamoo wɔn kɔguiɛ hɔ; mɛsane de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu. 38Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn. 39Na mɛma wɔn akoma korɔ na wɔayɛ wɔn adeɛ abɔ mu, sɛdeɛ, ɛberɛ biara wɔbɛsuro me wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiedie enti. 40Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yieyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn akoma mu, ama wɔn asuro me, sɛdeɛ wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho da.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.