Yeremia 32:37
Jeremiah 32:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mefiri mʼabufuhyeɛ mu pamoo wɔn kɔguiɛ hɔ; mɛsane de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu.
Jeremiah 32:37 in English
Jeremiah 32:37 · Berean Standard Bible
I will surely gather My people from all the lands to which I have banished them in My furious anger and great wrath, and I will return them to this place and make them dwell in safety.
Context
35Wɔsisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bɔnhwa mu, de wɔn mmammarima ne mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa Molek, wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne. 36“Woreka wɔ kuropɔn yi ho sɛ, ‘Wɔnam akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: 37Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mefiri mʼabufuhyeɛ mu pamoo wɔn kɔguiɛ hɔ; mɛsane de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu. 38Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn. 39Na mɛma wɔn akoma korɔ na wɔayɛ wɔn adeɛ abɔ mu, sɛdeɛ, ɛberɛ biara wɔbɛsuro me wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiedie enti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.