Yeremia 31:32
Jeremiah 31:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa, dii wɔn anim firii Misraim no. Saa ɛberɛ no deɛ, wɔbuu mʼapam so, wɔ ɛberɛ a na meyɛ okunu ma wɔn,” Awurade na ɔseɛ.
Jeremiah 31:32 in English
Jeremiah 31:32 · Berean Standard Bible
It will not be like the covenant I made with their fathers when I took them by the hand to lead them out of the land of Egypt— a covenant they broke, though I was a husband to them,*” declares the LORD.
Context
30Ɛno enti, obiara bɛwu wɔ ɔno ara bɔne ho; deɛ ɔbɛdi bobe a ɛkeka no, ɔno na ne se bɛfem. 31“Ɛberɛ no reba,” Awurade na ɔseɛ,
“a me ne Israel efie
ne Yuda efie bɛyɛ apam foforɔ. 32Ɛrenyɛ sɛ apam a
me ne wɔn agyanom yɛeɛ no
ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa,
dii wɔn anim firii Misraim no.
Saa ɛberɛ no deɛ, wɔbuu mʼapam so,
wɔ ɛberɛ a na meyɛ okunu ma wɔn,”
Awurade na ɔseɛ. 33“Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,”
Awurade na ɔseɛ.
“Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,
na matwerɛ wɔ wɔn akoma so.
Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,
na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ. 34Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,
anaa ne nua sɛ, ‘Hunu Awurade,’
Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me,
ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,”
Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn,
na merenkae wɔn bɔne bio.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.