Yeremia 31:30
Jeremiah 31:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, obiara bɛwu wɔ ɔno ara bɔne ho; deɛ ɔbɛdi bobe a ɛkeka no, ɔno na ne se bɛfem.
Jeremiah 31:30 in English
Jeremiah 31:30 · Berean Standard Bible
Instead, each will die for his own iniquity. If anyone eats the sour grapes, his own teeth will be set on edge.
Context
28Sɛdeɛ mehwɛ ma wɔtutuiɛ, wɔdwiriiɛ, wɔbubuiɛ, wɔsɛeɛ na wɔde amanehunu baeɛ no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 29Saa nna no mu, nnipa renka bio sɛ,
“ ‘Agyanom adi bobe a ɛkeka,
na mma se afem.’ 30Ɛno enti, obiara bɛwu wɔ ɔno ara bɔne ho; deɛ ɔbɛdi bobe a ɛkeka no, ɔno na ne se bɛfem. 31“Ɛberɛ no reba,” Awurade na ɔseɛ,
“a me ne Israel efie
ne Yuda efie bɛyɛ apam foforɔ. 32Ɛrenyɛ sɛ apam a
me ne wɔn agyanom yɛeɛ no
ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa,
dii wɔn anim firii Misraim no.
Saa ɛberɛ no deɛ, wɔbuu mʼapam so,
wɔ ɛberɛ a na meyɛ okunu ma wɔn,”
Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.