Yeremia 3:4
Jeremiah 3:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, woka kyerɛ me sɛ: ‘Mʼagya, mʼadamfo firi me mmabunuberɛ mu,
Jeremiah 3:4 in English
Jeremiah 3:4 · Berean Standard Bible
Have you not just called to Me, ‘My Father, You are my friend from youth.
Context
2“Ma wʼani so hwɛ nkokoɔ no so.
Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo monnaa da anaa?
Wotenaa kwankyɛn twɛnee adɔfoɔ,
wotenaa sɛ mmoahwɛfoɔ a wɔdi atutena wɔ anweatam so.
Woagu asase no ho fi
wode wʼadwamammɔ ne wʼamumuyɛ na ayɛ. 3Enti wɔatwe obosuo asan,
na osutɔberɛ nsuo antɔ.
Nanso wʼanim ayɛ sɛ odwamanfoɔ a ɔmfɛre hwee;
wʼani nwu hwee. 4Nanso, woka kyerɛ me sɛ:
‘Mʼagya, mʼadamfo firi me mmabunuberɛ mu, 5wobo bɛfu biribiara anaa?
Wʼabofuhyeɛ no bɛkɔ so daa anaa?’
Sei na wokasa,
nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛdeɛ wotumi.” 6Ɔhene Yosia adedie berɛ so no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Woahunu deɛ Israel a ɔnni nokorɛ no ayɛ? Wakɔ nkokoɔ nyinaa so ne dua adendan nyinaa ase akɔsɛe awadeɛ wɔ hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.