Native Bible

Jeremiah 3:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ma wʼani so hwɛ nkokoɔ no so. Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo monnaa da anaa? Wotenaa kwankyɛn twɛnee adɔfoɔ, wotenaa sɛ mmoahwɛfoɔ a wɔdi atutena wɔ anweatam so. Woagu asase no ho fi wode wʼadwamammɔ ne wʼamumuyɛ na ayɛ.

Jeremiah 3:2 in English

Jeremiah 3:2 · Berean Standard Bible

“Lift up your eyes to the barren heights and see. Is there any place where you have not been violated? You sat beside the highways waiting for your lovers, like a nomad in the desert. You have defiled the land with your prostitution and wickedness.

Context

1“Sɛ ɔbarima gyaa ne yere na ɔbaa no kɔware ɔbarima foforɔ a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no sane kɔ ɔbaa no nkyɛn anaa? Ɛremma asase no ho ngu fi koraa anaa? Nanso, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman, na seesei deɛ wobɛsane aba me nkyɛn anaa?” Awurade na ɔseɛ. 2“Ma wʼani so hwɛ nkokoɔ no so. Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo monnaa da anaa? Wotenaa kwankyɛn twɛnee adɔfoɔ, wotenaa sɛ mmoahwɛfoɔ a wɔdi atutena wɔ anweatam so. Woagu asase no ho fi wode wʼadwamammɔ ne wʼamumuyɛ na ayɛ. 3Enti wɔatwe obosuo asan, na osutɔberɛ nsuo antɔ. Nanso wʼanim ayɛ sɛ odwamanfoɔ a ɔmfɛre hwee; wʼani nwu hwee. 4Nanso, woka kyerɛ me sɛ: ‘Mʼagya, mʼadamfo firi me mmabunuberɛ mu,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.