Yeremia 2:8
Jeremiah 2:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asɔfoɔ no ammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?’ Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me; ntuanofoɔ sɔre tiaa me. Adiyifoɔ no de Baal hyɛɛ nkɔm, na wɔdii ahoni huhuo akyi.
Jeremiah 2:8 in English
Jeremiah 2:8 · Berean Standard Bible
The priests did not ask, ‘Where is the LORD?’ The experts in the law no longer knew Me, and the leaders rebelled against Me. The prophets prophesied by Baal and followed useless idols.
Context
6Wɔammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?
Deɛ ɔyii yɛn firii Misraim
na ɔde yɛn faa ɛserɛ wesee so,
anweatam ne amenamena asase
a awo na ayɛ owubɔn no.
Na ɛyɛ asase a obiara mfa so na obiara nte soɔ no.’ 7Mede mo bɛduaa asase bereɛ so
sɛ monni so nnuaba ne ɛso nnepa.
Nanso mobɛguu mʼasase ho fi
na moyɛɛ mʼagyapadeɛ akyiwadeɛ. 8Asɔfoɔ no ammisa sɛ,
‘Ɛhe na Awurade wɔ?’
Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me;
ntuanofoɔ sɔre tiaa me.
Adiyifoɔ no de Baal hyɛɛ nkɔm,
na wɔdii ahoni huhuo akyi. 9“Ɛno enti, merebɔ mo kwaadu bio,”
deɛ Awurade seɛ nie.
“Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu. 10Montwa nkɔ Kitim mpoano nkɔ hwɛ,
monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yie;
monhwɛ sɛ biribi a ɛte sei asi wɔ hɔ:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.