Native Bible

Jeremiah 17:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kɔgyina nnipa no ɛpono a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛnfirie no; kɔgyina Yerusalem apono a aka no nso ano.

Jeremiah 17:19 in English

Jeremiah 17:19 · Berean Standard Bible

This is what the LORD said to me: “Go and stand at the gate of the people, through which the kings of Judah go in and out; and stand at all the other gates of Jerusalem.

Context

17Nhunahuna me; wo ne me dwanekɔbea wɔ amanehunu da. 18Ma wɔn a wɔtaa me anim nguase, na yi me firi ahohora mu. Ma wɔn mmɔ hu, nanso mma me bo ntu. Ma amanehunu da no mmra wɔn so; fa ɔhawprenu sɛe wɔn. 19Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kɔgyina nnipa no ɛpono a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛnfirie no; kɔgyina Yerusalem apono a aka no nso ano. 20Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yudafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apono yi mu. 21Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monhwɛ yie na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apono mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.