Yeremia 17:18
Jeremiah 17:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ma wɔn a wɔtaa me anim nguase, na yi me firi ahohora mu. Ma wɔn mmɔ hu, nanso mma me bo ntu. Ma amanehunu da no mmra wɔn so; fa ɔhawprenu sɛe wɔn.
Jeremiah 17:18 in English
Jeremiah 17:18 · Berean Standard Bible
Let my persecutors be put to shame, but do not let me be put to shame. Let them be terrified, but do not let me be terrified. Bring upon them the day of disaster and shatter them with double destruction.
Context
16Mennwane mfirii mʼadwuma sɛ wo dwanhwɛfoɔ;
wonim sɛ mempɛɛ abasamutuo da.
Deɛ ɛfiri mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim. 17Nhunahuna me;
wo ne me dwanekɔbea wɔ amanehunu da. 18Ma wɔn a wɔtaa me anim nguase,
na yi me firi ahohora mu.
Ma wɔn mmɔ hu,
nanso mma me bo ntu.
Ma amanehunu da no mmra wɔn so;
fa ɔhawprenu sɛe wɔn. 19Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kɔgyina nnipa no ɛpono a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛnfirie no; kɔgyina Yerusalem apono a aka no nso ano. 20Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yudafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apono yi mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.