Yeremia 16:20
Jeremiah 16:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipa yɛ wɔn ankasa anyame anaa? Aane, nanso wɔnyɛ nokorɛ anyame!”
Jeremiah 16:20 in English
Jeremiah 16:20 · Berean Standard Bible
Can man make gods for himself? Such are not gods!”
Context
18Mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mprenu, ɛfiri sɛ wɔde aniwudeɛ nsɛsodeɛ a ɛnni nkwa ne wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ abɛhyɛ mʼagyapadeɛ so ma de agu mʼasase ho fi.” 19Ao Awurade, mʼahoɔden ne mʼaban,
mʼahohia mu dwanekɔbea,
wo nkyɛn na amanaman no bɛba
wɔbɛfiri nsase ano aka sɛ,
“Yɛn agyanom annya biribiara sɛ anyame huhuo,
ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ na wɔammoa wɔn. 20Nnipa yɛ wɔn ankasa anyame anaa?
Aane, nanso wɔnyɛ nokorɛ anyame!” 21“Ɛno enti mɛkyerɛkyerɛ wɔn,
saa ɛberɛ yi deɛ mɛkyerɛ wɔn
me tumi ne mʼahoɔden.
Afei wɔbɛhunu sɛ
me din ne Awurade.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.