Yeremia 13:23
Jeremiah 13:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Etiopiani bɛtumi asesa nʼahosuo anaa? Na ɔsebɔ nso bɛtumi asesa ne ho nsisimu no? Saa ara na worentumi nyɛ papa, wo a bɔneyɛ akokwa wo.
Jeremiah 13:23 in English
Jeremiah 13:23 · Berean Standard Bible
Can the Ethiopian * change his skin, or the leopard his spots? Neither are you able to do good— you who are accustomed to doing evil.
Context
21Sɛ Awurade de wɔn a motetee wɔn sɛ mo apamfoɔ yɛ mo so atitire a
ɛdeɛn na mobɛka?
Na ɛrenyɛ mo yea
sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ anaa? 22Na sɛ wobɛbisa wo ho sɛ,
“Adɛn enti na yei aba me so” a
na ɛfiri wʼamumuyɛ bebrebe no.
Ɛno enti na wɔatete wo fam atadeɛ mu
ayɛ wo onipadua basaa no. 23Etiopiani bɛtumi asesa nʼahosuo anaa?
Na ɔsebɔ nso bɛtumi asesa ne ho nsisimu no?
Saa ara na worentumi nyɛ papa,
wo a bɔneyɛ akokwa wo. 24“Mɛbɔ mo ahwete sɛ ntɛtɛ a
anweatam so mframa rebɔ no. 25Yei ne deɛ mobɛnya,
mo kyɛfa a mahyɛ ama mo,”
Awurade na ɔseɛ,
“ɛfiri sɛ, mo werɛ afiri me
na mo de mo ho ato anyame huhuo so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.