Native Bible

Jeremiah 13:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛ wobɛbisa wo ho sɛ, “Adɛn enti na yei aba me so” a na ɛfiri wʼamumuyɛ bebrebe no. Ɛno enti na wɔatete wo fam atadeɛ mu ayɛ wo onipadua basaa no.

Jeremiah 13:22 in English

Jeremiah 13:22 · Berean Standard Bible

And if you ask yourself, “Why has this happened to me?” It is because of the magnitude of your iniquity that your skirts have been stripped off and your body has been exposed.*

Context

20Mo mpagya mo ani nhwɛ wɔn a wɔfiri atifi fam reba no. Nnwankuo a wɔde hyɛɛ mo nsa no, nnwan a mode wɔn hoahoaa mo ho wɔ he? 21Sɛ Awurade de wɔn a motetee wɔn sɛ mo apamfoɔ yɛ mo so atitire a ɛdeɛn na mobɛka? Na ɛrenyɛ mo yea sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ anaa? 22Na sɛ wobɛbisa wo ho sɛ, “Adɛn enti na yei aba me so” a na ɛfiri wʼamumuyɛ bebrebe no. Ɛno enti na wɔatete wo fam atadeɛ mu ayɛ wo onipadua basaa no. 23Etiopiani bɛtumi asesa nʼahosuo anaa? Na ɔsebɔ nso bɛtumi asesa ne ho nsisimu no? Saa ara na worentumi nyɛ papa, wo a bɔneyɛ akokwa wo. 24“Mɛbɔ mo ahwete sɛ ntɛtɛ a anweatam so mframa rebɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.