Yeremia 13:20
Jeremiah 13:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo mpagya mo ani nhwɛ wɔn a wɔfiri atifi fam reba no. Nnwankuo a wɔde hyɛɛ mo nsa no, nnwan a mode wɔn hoahoaa mo ho wɔ he?
Jeremiah 13:20 in English
Jeremiah 13:20 · Berean Standard Bible
Lift up your eyes and see those coming from the north. Where is the flock entrusted to you, the sheep that were your pride?
Context
18Monka nkyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa sɛ,
“Momfiri mo ahennwa so nsi fam,
na mo animuonyam ahenkyɛ
bɛfiri mo tiri so.” 19Wɔbɛtoto Negeb nkuropɔn apono mu,
na obiara nni hɔ a ɔbɛbuebue.
Wɔbɛsoa Yudafoɔ akɔ sɛ atukɔfoɔ,
wɔbɛtwa wɔn asuo koraa. 20Mo mpagya mo ani nhwɛ
wɔn a wɔfiri atifi fam reba no.
Nnwankuo a wɔde hyɛɛ mo nsa no,
nnwan a mode wɔn hoahoaa mo ho wɔ he? 21Sɛ Awurade de wɔn a motetee wɔn sɛ mo apamfoɔ yɛ mo so atitire a
ɛdeɛn na mobɛka?
Na ɛrenyɛ mo yea
sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ anaa? 22Na sɛ wobɛbisa wo ho sɛ,
“Adɛn enti na yei aba me so” a
na ɛfiri wʼamumuyɛ bebrebe no.
Ɛno enti na wɔatete wo fam atadeɛ mu
ayɛ wo onipadua basaa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.