Yeremia 13:25
Jeremiah 13:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne deɛ mobɛnya, mo kyɛfa a mahyɛ ama mo,” Awurade na ɔseɛ, “ɛfiri sɛ, mo werɛ afiri me na mo de mo ho ato anyame huhuo so.
Jeremiah 13:25 in English
Jeremiah 13:25 · Berean Standard Bible
This is your lot, the portion I have measured to you,” declares the LORD, “because you have forgotten Me and trusted in falsehood.
Context
23Etiopiani bɛtumi asesa nʼahosuo anaa?
Na ɔsebɔ nso bɛtumi asesa ne ho nsisimu no?
Saa ara na worentumi nyɛ papa,
wo a bɔneyɛ akokwa wo. 24“Mɛbɔ mo ahwete sɛ ntɛtɛ a
anweatam so mframa rebɔ no. 25Yei ne deɛ mobɛnya,
mo kyɛfa a mahyɛ ama mo,”
Awurade na ɔseɛ,
“ɛfiri sɛ, mo werɛ afiri me
na mo de mo ho ato anyame huhuo so. 26Mɛpagya mo fam ntadeɛ abua mo anim
na wɔahunu mo ahohora. 27Mahunu mo awaresɛeɛ ne mo akɔnnɔ bɔne ne
mo adwamammɔ a momfɛre ho!
Mahunu mo akyiwadeɛ nneyɛeɛ
wɔ nkokoɔ ne ɛserɛ so.
Due Ao Yerusalem!
Mmerɛ bɛn na wo ho bɛte?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.