Yeremia 13:15
Jeremiah 13:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Montie na monyɛ aso, na monnyɛ ahantan, ɛfiri sɛ, Awurade akasa.
Jeremiah 13:15 in English
Jeremiah 13:15 · Berean Standard Bible
Listen and give heed. Do not be arrogant, for the LORD has spoken.
Context
13afei, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: Mede nsãborɔ bɛhyɛ wɔn a wɔtete asase yi so nyinaa ma, a ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so, asɔfoɔ, adiyifoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa ka ho. 14Mɛtoto wɔn abobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mmammarima nyinaa, Awurade na ɔseɛ. Meremma ahummɔborɔ anaa ayamyɛ anaa ayamhyehyeɛ nsi ɔsɛe a merebɛsɛe wɔn no ho ɛkwan.’ ” 15Montie na monyɛ aso,
na monnyɛ ahantan,
ɛfiri sɛ, Awurade akasa. 16Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn, animuonyam
ansa na wama esum aduru,
ansa na mo nan asuntisunti
wɔ nkokoɔ a ɛso reduru sum no so.
Mo ani da hann so,
nanso ɔbɛdane no esum kusuu
na wɔasesa ayɛ no esum kabisii. 17Nanso sɛ moantie a,
mɛsu wɔ kɔkoam
ɛsiane mo ahantan nti;
mʼani bɛtetɛ nisuo,
na nisuo adware me,
ɛfiri sɛ, wɔbɛfa Awurade nnwankuo no akɔ nnommum mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.