Native Bible

Jeremiah 13:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn, animuonyam ansa na wama esum aduru, ansa na mo nan asuntisunti wɔ nkokoɔ a ɛso reduru sum no so. Mo ani da hann so, nanso ɔbɛdane no esum kusuu na wɔasesa ayɛ no esum kabisii.

Jeremiah 13:16 in English

Jeremiah 13:16 · Berean Standard Bible

Give glory to the LORD your God before He brings darkness, before your feet stumble on the dusky mountains. You wait for light, but He turns it into deep gloom and thick darkness.

Context

14Mɛtoto wɔn abobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mmammarima nyinaa, Awurade na ɔseɛ. Meremma ahummɔborɔ anaa ayamyɛ anaa ayamhyehyeɛ nsi ɔsɛe a merebɛsɛe wɔn no ho ɛkwan.’ ” 15Montie na monyɛ aso, na monnyɛ ahantan, ɛfiri sɛ, Awurade akasa. 16Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn, animuonyam ansa na wama esum aduru, ansa na mo nan asuntisunti wɔ nkokoɔ a ɛso reduru sum no so. Mo ani da hann so, nanso ɔbɛdane no esum kusuu na wɔasesa ayɛ no esum kabisii. 17Nanso sɛ moantie a, mɛsu wɔ kɔkoam ɛsiane mo ahantan nti; mʼani bɛtetɛ nisuo, na nisuo adware me, ɛfiri sɛ, wɔbɛfa Awurade nnwankuo no akɔ nnommum mu. 18Monka nkyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa sɛ, “Momfiri mo ahennwa so nsi fam, na mo animuonyam ahenkyɛ bɛfiri mo tiri so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.