Yeremia 11:2
Jeremiah 11:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Tie apam yi mu nhyehyɛeɛ na ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem.
Jeremiah 11:2 in English
Jeremiah 11:2 · Berean Standard Bible
“Listen to the words of this covenant and tell them to the men of Judah and the residents of Jerusalem.
Context
1Asɛm a ɛfiri Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2“Tie apam yi mu nhyehyɛeɛ na ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem. 3Ka kyerɛ wɔn sɛ, yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Nnome nka onipa a ɔnni apam yi mu nhyehyɛeɛ so, 4deɛ mehyɛ maa mo agyanom ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, fononoo a wɔnane dadeɛ wo mu no.’ Mekaa sɛ, ‘Monyɛ ɔsetie mma me na monyɛ biribiara mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ mo Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.