Yeremia 11:15
Jeremiah 11:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛdeɛn na medɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mu ɛberɛ a wayɛ nsɛmmɔne bebree no? Mpaeɛbɔ ne afɔdeɛ bɛtumi abɔ wʼasotwe no agu anaa? Sɛ woyɛ wʼamumuyɛsɛm a na wʼani agye.”
Jeremiah 11:15 in English
Jeremiah 11:15 · Berean Standard Bible
What right has My beloved in My house, having carried out so many evil schemes? Can consecrated meat avert your doom, so that you can rejoice?
Context
13Ao Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ wo nkuro; na afɔrebukyia a moasisi sɛ mobɛhye nnuhwam wɔ so ama animguaseɛ nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔntene.’ 14“Mmɔ mpaeɛ mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ, sɛ wɔsu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a, merennye wɔn so. 15“Ɛdeɛn na medɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mu
ɛberɛ a wayɛ nsɛmmɔne bebree no?
Mpaeɛbɔ ne afɔdeɛ bɛtumi abɔ wʼasotwe no agu anaa?
Sɛ woyɛ wʼamumuyɛsɛm a
na wʼani agye.” 16Awurade, frɛɛ wo ngo dua a anyini frɔmm
a ɛso aba a ɛyɛ fɛ.
Nanso ɔde ahum kɛseɛ bi huiɛ
bɛto mu ogya,
na ne mman bɛbubu. 17Asafo Awurade a ɔduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, ɛfiri sɛ, Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ ayɛ bɔne ahyɛ me abufuo sɛ wɔhye nnuhwam ma Baal.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.