Atemmufoɔ 5:20
Judges 5:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nsoromma firi soro koeɛ. Nsoromma nam wɔn kyenenee so ko tiaa Sisera.
Judges 5:20 in English
Judges 5:20 · Berean Standard Bible
From the heavens the stars fought; from their courses they fought against Sisera.
Context
18Nanso, Sebulon too ne nkwa akyerɛ
sɛdeɛ Naftali yɛɛ wɔ akono no. 19“Kanaan ahemfo koeɛ wɔ Taanak a ɛbɛn Megido nsutire ho,
nanso, wɔannya asadeɛ biara ankɔ. 20Nsoromma firi soro koeɛ.
Nsoromma nam wɔn kyenenee so ko tiaa Sisera. 21Asubɔnten Kison twee wɔn kɔeɛ,
tete asuo, Kison.
Me kra, fa akokoɔduru bɔ nsra kɔ wʼanim! 22Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam,
wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no mmirikatɛntɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.