Native Bible

Judges 5:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔfiri Efraim baeɛ, asase a na kane no na ɛyɛ Amalekfoɔ dea, na Benyamin nso dii wʼakyi. Asahene no bɔɔ nsra firii Makir; ɔsahene pomakurafoɔ firi Sebulon baeɛ.

Judges 5:14 in English

Judges 5:14 · Berean Standard Bible

Some came from Ephraim, with their roots in Amalek; Benjamin came with your people after you. The commanders came down from Machir, the bearers of the marshal’s staff from Zebulun.

Context

12‘Sɔre! Debora, sɔre! Sɔre, sɔre na to dwom! Sɔre, Barak! Di wo nneduafoɔ anim kɔ, Abinoam ba!’ 13“Nkaeɛfoɔ no bɔɔ nsra firi Tabor kɔɔ ahoɔdenfoɔ so. Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ akofoɔ ahoɔdenfoɔ so. 14Wɔfiri Efraim baeɛ, asase a na kane no na ɛyɛ Amalekfoɔ dea, na Benyamin nso dii wʼakyi. Asahene no bɔɔ nsra firii Makir; ɔsahene pomakurafoɔ firi Sebulon baeɛ. 15Na Isakar mu atitire ka Debora ne Barak ho. Wɔdii Barak akyi, bɔ wuraa bɔnhwa no mu. Nanso, Ruben abusuakuo mu deɛ, wɔansi wɔn adwene pi. 16Adɛn enti na wotenaa efie wɔ nnwanhwɛfoɔ mu, tie nnwanhwɛfoɔ a wɔde hwerɛma frɛ wɔn nnwan? Ruben abusuakuo mu, wɔansi wɔn adwene pi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.