Native Bible

Judges 5:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nkaeɛfoɔ no bɔɔ nsra firi Tabor kɔɔ ahoɔdenfoɔ so. Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ akofoɔ ahoɔdenfoɔ so.

Judges 5:13 in English

Judges 5:13 · Berean Standard Bible

Then the survivors came down to the nobles; the people of the LORD came down to me against the mighty.

Context

11Montie nkuraaseɛ nnwomsiaafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomeeɛ. Wɔkeka Awurade tenenee nkonimdie, ne ne nkuraasefoɔ nkonimdie wɔ Israel ho asɛm. “Afei Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apono ano. 12‘Sɔre! Debora, sɔre! Sɔre, sɔre na to dwom! Sɔre, Barak! Di wo nneduafoɔ anim kɔ, Abinoam ba!’ 13“Nkaeɛfoɔ no bɔɔ nsra firi Tabor kɔɔ ahoɔdenfoɔ so. Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ akofoɔ ahoɔdenfoɔ so. 14Wɔfiri Efraim baeɛ, asase a na kane no na ɛyɛ Amalekfoɔ dea, na Benyamin nso dii wʼakyi. Asahene no bɔɔ nsra firii Makir; ɔsahene pomakurafoɔ firi Sebulon baeɛ. 15Na Isakar mu atitire ka Debora ne Barak ho. Wɔdii Barak akyi, bɔ wuraa bɔnhwa no mu. Nanso, Ruben abusuakuo mu deɛ, wɔansi wɔn adwene pi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.