Atemmufoɔ 3:19
Judges 3:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, ɛberɛ a Ehud duruu aboɔ ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsane nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ kokoamsɛm bi meka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfoɔ no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa firii ɛdan mu hɔ.
Judges 3:19 in English
Judges 3:19 · Berean Standard Bible
But upon reaching the idols near Gilgal, he himself turned back and said, “I have a secret message for you, O king.” “Silence,” said the king, and all his attendants left him.
Context
17Ɔde apeatoɔ sika no brɛɛ Eglon a wayɛ kɛse twɔfee no. 18Ɔde sika no maa no wieeɛ no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie. 19Nanso, ɛberɛ a Ehud duruu aboɔ ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsane nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ kokoamsɛm bi meka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfoɔ no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa firii ɛdan mu hɔ. 20Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte aborɔsan dan bi a emu dwoɔ mu. Ehud ka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛm bi a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Ɛberɛ a ɔhene Eglon sɔre firii nʼakonnwa mu ara pɛ, 21Ehud de ne nsa benkum twee sekan a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.