Native Bible

Judges 3:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte aborɔsan dan bi a emu dwoɔ mu. Ehud ka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛm bi a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Ɛberɛ a ɔhene Eglon sɔre firii nʼakonnwa mu ara pɛ,

Judges 3:20 in English

Judges 3:20 · Berean Standard Bible

Then Ehud approached him while he was sitting alone in the coolness of his upper room. “I have a word from God for you,” Ehud said, and the king rose from his seat.

Context

18Ɔde sika no maa no wieeɛ no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie. 19Nanso, ɛberɛ a Ehud duruu aboɔ ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsane nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ kokoamsɛm bi meka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfoɔ no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa firii ɛdan mu hɔ. 20Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte aborɔsan dan bi a emu dwoɔ mu. Ehud ka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛm bi a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Ɛberɛ a ɔhene Eglon sɔre firii nʼakonnwa mu ara pɛ, 21Ehud de ne nsa benkum twee sekan a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu. 22Sekan no kɔɔ akyiri kɔsii sɛ nʼabona no mpo wuraa ɔhene no sradeɛ mu maa ɛso kataeɛ. Enti, Ehud gyaa sekan no wɔ yafunu no mu maa ne nsono tu guiɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.