Native Bible

Judges 3:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔde sika no maa no wieeɛ no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie.

Judges 3:18 in English

Judges 3:18 · Berean Standard Bible

After Ehud had finished presenting the tribute, he ushered out those who had carried it.

Context

16Enti, Ehud bɔɔ sekan anofanu a ne tenten yɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatadeɛ mu. 17Ɔde apeatoɔ sika no brɛɛ Eglon a wayɛ kɛse twɔfee no. 18Ɔde sika no maa no wieeɛ no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie. 19Nanso, ɛberɛ a Ehud duruu aboɔ ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsane nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ kokoamsɛm bi meka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfoɔ no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa firii ɛdan mu hɔ. 20Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte aborɔsan dan bi a emu dwoɔ mu. Ehud ka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛm bi a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Ɛberɛ a ɔhene Eglon sɔre firii nʼakonnwa mu ara pɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.