Native Bible

Judges 3:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Ehud bɔɔ sekan anofanu a ne tenten yɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatadeɛ mu.

Judges 3:16 in English

Judges 3:16 · Berean Standard Bible

Now Ehud had made for himself a double-edged sword a cubit long.* He strapped it to his right thigh under his cloak

Context

14Israelfoɔ no somm Moabhene Eglon mfirinhyia dunwɔtwe. 15Nanso Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade bio no, Awurade maa wɔn ɔgyefoɔ. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Israelfoɔ no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn apeatoɔ sika nkɔma Moabhene Eglon. 16Enti, Ehud bɔɔ sekan anofanu a ne tenten yɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatadeɛ mu. 17Ɔde apeatoɔ sika no brɛɛ Eglon a wayɛ kɛse twɔfee no. 18Ɔde sika no maa no wieeɛ no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.