Native Bible

Judges 3:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Israelfoɔ no somm Moabhene Eglon mfirinhyia dunwɔtwe.

Judges 3:14 in English

Judges 3:14 · Berean Standard Bible

The Israelites served Eglon king of Moab eighteen years.

Context

12Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne, na ɛno enti, Awurade de tumi hyɛɛ Moabhene Eglon nsa ma ɔdii Israel so. 13Eglon boaboaa Amonfoɔ* ne Amalekfoɔ ano ma wɔbɛkaa ne ho na wɔkɔto hyɛɛ Israelfoɔ so. Wɔdii wɔn so, faa kuropɔn Yeriko. 14Israelfoɔ no somm Moabhene Eglon mfirinhyia dunwɔtwe. 15Nanso Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade bio no, Awurade maa wɔn ɔgyefoɔ. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Israelfoɔ no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn apeatoɔ sika nkɔma Moabhene Eglon. 16Enti, Ehud bɔɔ sekan anofanu a ne tenten yɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatadeɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.