Atemmufoɔ 16:24
Judges 16:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a nnipa no hunuu no no, wɔkamfoo wɔn nyame kaa sɛ, “Yɛn nyame de yɛn ɔtamfoɔ ahyɛ yɛn nsam; deɛ ɔkunkumm yɛn mu bebree no yɛn nsa aka no!”
Judges 16:24 in English
Judges 16:24 · Berean Standard Bible
And when the people saw him, they praised their god, saying: “Our god has delivered into our hands our enemy who destroyed our land and multiplied our dead.”
Context
22Nanso, ankyɛre na ne tirinwi no hyɛɛ aseɛ fuiɛ. 23Filistifoɔ ntuanofoɔ hyɛɛ fa kɛseɛ bi, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn nyame Dagon dii ahurisie kaa sɛ, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn ɔtamfoɔ no ahyɛ yɛn nsam!” 24Ɛberɛ a nnipa no hunuu no no, wɔkamfoo wɔn nyame kaa sɛ,
“Yɛn nyame de yɛn ɔtamfoɔ
ahyɛ yɛn nsam;
deɛ ɔkunkumm yɛn mu bebree no
yɛn nsa aka no!” 25Nnipa no boroo nsã kakra no, wɔhyɛɛ sɛ, “Momfa Samson mmra na ɔmmɛgye yɛn ani.” Enti, wɔyii Samson firii nnedua fie. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini wɔ adum mmienu a ɛkura ɛdan no mmɔsoɔ no ntam. 26Samson ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a ɔkura ne nsa rekyerɛ no kwan no sɛ, “Ma memfa me nsa nsosɔ adum mmienu no mu, na mennye mʼahome.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.