Native Bible

Judges 16:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, ankyɛre na ne tirinwi no hyɛɛ aseɛ fuiɛ.

Judges 16:22 in English

Judges 16:22 · Berean Standard Bible

However, the hair of his head began to grow back after it had been shaved.

Context

20Afei, ɔteaam sɛ, “Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Ɔnyaneeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Mɛyɛ sɛdeɛ kane no na meyɛ no mɛwoso me ho agye me ho.” Nanso na ɔnnim sɛ Awurade afiri ne mu. 21Na Filistifoɔ no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na wɔguu no kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ ma ɔyamm atokoɔ wɔ nnedua fie. 22Nanso, ankyɛre na ne tirinwi no hyɛɛ aseɛ fuiɛ. 23Filistifoɔ ntuanofoɔ hyɛɛ fa kɛseɛ bi, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn nyame Dagon dii ahurisie kaa sɛ, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn ɔtamfoɔ no ahyɛ yɛn nsam!” 24Ɛberɛ a nnipa no hunuu no no, wɔkamfoo wɔn nyame kaa sɛ, “Yɛn nyame de yɛn ɔtamfoɔ ahyɛ yɛn nsam; deɛ ɔkunkumm yɛn mu bebree no yɛn nsa aka no!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.