Native Bible

Judges 16:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Delila dɛfɛdɛfɛɛ Samson ma ɔdaeɛ a, ne ti da ne srɛ so. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi baeɛ ma ɔbɛyii ne tirinwi sɛdeɛ ne kyere no bɛyɛ yie. Na nʼahoɔden no firii ne mu.

Judges 16:19 in English

Judges 16:19 · Berean Standard Bible

And having lulled him to sleep on her lap, she called a man to shave off the seven braids of his head. In this way she began to subdue him,* and his strength left him.

Context

17Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no sɛ, “Wɔnyii me tirinwi da, ɛfiri sɛ, wɔde me maa Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu. Sɛ wɔyi me tirinwi a, mʼahoɔden no bɛfiri me mu ama mayɛ mmerɛ te sɛ obiara.” 18Delila hunuu sɛ afei deɛ waka nokorɛ akyerɛ no no, ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Mommra bio, ɛfiri sɛ waka biribiara akyerɛ me.” Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no sane wɔn akyi kɔfaa sika no baeɛ. 19Delila dɛfɛdɛfɛɛ Samson ma ɔdaeɛ a, ne ti da ne srɛ so. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi baeɛ ma ɔbɛyii ne tirinwi sɛdeɛ ne kyere no bɛyɛ yie. Na nʼahoɔden no firii ne mu. 20Afei, ɔteaam sɛ, “Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Ɔnyaneeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Mɛyɛ sɛdeɛ kane no na meyɛ no mɛwoso me ho agye me ho.” Nanso na ɔnnim sɛ Awurade afiri ne mu. 21Na Filistifoɔ no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na wɔguu no kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ ma ɔyamm atokoɔ wɔ nnedua fie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.