Atemmufoɔ 16:17
Judges 16:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no sɛ, “Wɔnyii me tirinwi da, ɛfiri sɛ, wɔde me maa Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu. Sɛ wɔyi me tirinwi a, mʼahoɔden no bɛfiri me mu ama mayɛ mmerɛ te sɛ obiara.”
Judges 16:17 in English
Judges 16:17 · Berean Standard Bible
Samson told her all that was in his heart: “My hair has never been cut, because I have been a Nazirite to God from my mother’s womb. If I am shaved, my strength will leave me, and I will become as weak as any other man.”
Context
15Delila sɔm nʼano kaa sɛ, “Wotumi ka sɛ wodɔ me, wɔ ɛberɛ a wonka wo kokoamsɛm nkyerɛ me? Woadi me ho fɛ mprɛnsa, nanso wonkaa deɛ ɛma wo ahoɔden no nkyerɛɛ me!” 16Odwan ne ho adekyeɛ biara kɔsii sɛ afei na wabrɛ no. 17Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no sɛ, “Wɔnyii me tirinwi da, ɛfiri sɛ, wɔde me maa Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu. Sɛ wɔyi me tirinwi a, mʼahoɔden no bɛfiri me mu ama mayɛ mmerɛ te sɛ obiara.” 18Delila hunuu sɛ afei deɛ waka nokorɛ akyerɛ no no, ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Mommra bio, ɛfiri sɛ waka biribiara akyerɛ me.” Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no sane wɔn akyi kɔfaa sika no baeɛ. 19Delila dɛfɛdɛfɛɛ Samson ma ɔdaeɛ a, ne ti da ne srɛ so. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi baeɛ ma ɔbɛyii ne tirinwi sɛdeɛ ne kyere no bɛyɛ yie. Na nʼahoɔden no firii ne mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.