Native Bible

Judges 16:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Odwan ne ho adekyeɛ biara kɔsii sɛ afei na wabrɛ no.

Judges 16:16 in English

Judges 16:16 · Berean Standard Bible

Finally, after she had pressed him daily with her words and pleaded until he was sick to death,

Context

14de bɔɔ ntoma bamma a ɛwɔ akurokurowa no so. Bio, ɔteaam sɛ, “Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Ɛhɔ ara, Samson nyaneeɛ, twee akurokurowa no yii ne tirinwi no firii ntoma bamma no mu. 15Delila sɔm nʼano kaa sɛ, “Wotumi ka sɛ wodɔ me, wɔ ɛberɛ a wonka wo kokoamsɛm nkyerɛ me? Woadi me ho fɛ mprɛnsa, nanso wonkaa deɛ ɛma wo ahoɔden no nkyerɛɛ me!” 16Odwan ne ho adekyeɛ biara kɔsii sɛ afei na wabrɛ no. 17Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no sɛ, “Wɔnyii me tirinwi da, ɛfiri sɛ, wɔde me maa Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu. Sɛ wɔyi me tirinwi a, mʼahoɔden no bɛfiri me mu ama mayɛ mmerɛ te sɛ obiara.” 18Delila hunuu sɛ afei deɛ waka nokorɛ akyerɛ no no, ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Mommra bio, ɛfiri sɛ waka biribiara akyerɛ me.” Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no sane wɔn akyi kɔfaa sika no baeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.