Atemmufoɔ 14:1
Judges 14:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dabi a na Samson wɔ Timna* no, ɔhunuu Filistini ababaawa bi.
Judges 14:1 in English
Judges 14:1 · Berean Standard Bible
One day Samson went down to Timnah, where he saw a young Philistine woman.
Context
1Dabi a na Samson wɔ Timna* no, ɔhunuu Filistini ababaawa bi. 2Ɔsane kɔɔ efie no, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne maame sɛ, “Mahunu Filistini ababaawa bi wɔ Timna a mepɛ sɛ meware no.” 3Nʼagya ne ne maame ampene so kaa no anibereɛ so sɛ, “Enti, yɛn abusua yi mu anaa Israelfoɔ yi mu, ɔbaa baako mpo nni mu a wotumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifoɔ abosonsomfoɔ mu kɔpɛ ɔyere?”
Nanso, Samson ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Kɔyɛ ne ho adeɛ ma me. Ɔno ara na mepɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.