Native Bible

Judges 13:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Manoa bisaa no sɛ, “Sɛ nsɛm a woaka no ba mu a, mmara bɛn na ɛwɔ hɔ ma abarimaa no asetena ne nʼadwumayɛ?”

Judges 13:12 in English

Judges 13:12 · Berean Standard Bible

Then Manoah asked, “When your words come to pass, what will be the boy’s rule of life and mission?”

Context

10Ɔbaa no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Ɔbarima a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me ɛda no no asane aba bio!” 11Manoa yɛɛ ntɛm dii ne yere akyi. Ɔduruu ɔbarima no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Wo na wokaa biribi kyerɛɛ me yere no anaa?” Ɔbuaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me.” 12Enti, Manoa bisaa no sɛ, “Sɛ nsɛm a woaka no ba mu a, mmara bɛn na ɛwɔ hɔ ma abarimaa no asetena ne nʼadwumayɛ?” 13Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Hwɛ sɛ wo yere bɛdi nhyehyɛeɛ a mekyerɛɛ noɔ no so. 14Ɛnsɛ sɛ ɔdi bobe anaa biribiara a ɛfiri bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ ɔdi aduane biara a ɛyɛ akyiwadeɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.