Native Bible

Judges 13:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Manoa yɛɛ ntɛm dii ne yere akyi. Ɔduruu ɔbarima no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Wo na wokaa biribi kyerɛɛ me yere no anaa?” Ɔbuaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me.”

Judges 13:11 in English

Judges 13:11 · Berean Standard Bible

So Manoah got up and followed his wife. When he came to the man, he asked, “Are you the man who spoke to my wife?” “I am,” he said.

Context

9Onyankopɔn tiee Manoa. Ɔbɔfoɔ no yii ne ho adi kyerɛɛ no bio wɔ ɛberɛ a ɔwɔ afuom. Nanso, na ne kunu Manoa nka ne ho wɔ hɔ. 10Ɔbaa no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Ɔbarima a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me ɛda no no asane aba bio!” 11Manoa yɛɛ ntɛm dii ne yere akyi. Ɔduruu ɔbarima no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Wo na wokaa biribi kyerɛɛ me yere no anaa?” Ɔbuaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me.” 12Enti, Manoa bisaa no sɛ, “Sɛ nsɛm a woaka no ba mu a, mmara bɛn na ɛwɔ hɔ ma abarimaa no asetena ne nʼadwumayɛ?” 13Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Hwɛ sɛ wo yere bɛdi nhyehyɛeɛ a mekyerɛɛ noɔ no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.