Yakobo 2:18
James 2:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, obi bɛtumi aka sɛ, “Obi wɔ gyidie na afoforɔ nso wɔ nneyɛeɛ.” Me mmuaeɛ ne sɛ, “Kyerɛ me sɛdeɛ obi tumi nya gyidie a nneyɛeɛ mmata ho ase. Me deɛ menam me nneyɛeɛ so bɛkyerɛ wo me gyidie.”
James 2:18 in English
James 2:18 · Berean Standard Bible
But someone will say, “You have faith and I have deeds.” Show me your faith without deeds, and I will show you my faith by my deeds.
Context
16sɛ wokɔka kyerɛ wɔn sɛ, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hye na monnidi yie” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu deɛ ɛhia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? 17Saa ara na gyidie teɛ. Sɛ nneyɛeɛ nka ho a, na awu. 18Nanso, obi bɛtumi aka sɛ, “Obi wɔ gyidie na afoforɔ nso wɔ nneyɛeɛ.”
Me mmuaeɛ ne sɛ, “Kyerɛ me sɛdeɛ obi tumi nya gyidie a nneyɛeɛ mmata ho ase. Me deɛ menam me nneyɛeɛ so bɛkyerɛ wo me gyidie.” 19Wogye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Ɛyɛ! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ suro mu. 20Ɔkwasea! Wopɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no ho nni mfasoɔ anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.