Native Bible

James 2:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ara na gyidie teɛ. Sɛ nneyɛeɛ nka ho a, na awu.

James 2:17 in English

James 2:17 · Berean Standard Bible

So too, faith by itself, if it does not result in action,* is dead.

Context

15Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntoma ho hia wɔn na wɔnni aduane dodoɔ nso a wɔbɛdi, 16sɛ wokɔka kyerɛ wɔn sɛ, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hye na monnidi yie” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu deɛ ɛhia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? 17Saa ara na gyidie teɛ. Sɛ nneyɛeɛ nka ho a, na awu. 18Nanso, obi bɛtumi aka sɛ, “Obi wɔ gyidie na afoforɔ nso wɔ nneyɛeɛ.” Me mmuaeɛ ne sɛ, “Kyerɛ me sɛdeɛ obi tumi nya gyidie a nneyɛeɛ mmata ho ase. Me deɛ menam me nneyɛeɛ so bɛkyerɛ wo me gyidie.” 19Wogye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Ɛyɛ! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ suro mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.