Native Bible

James 2:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

sɛ wokɔka kyerɛ wɔn sɛ, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hye na monnidi yie” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu deɛ ɛhia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn?

James 2:16 in English

James 2:16 · Berean Standard Bible

If one of you tells him, “Go in peace; stay warm and well fed,” but does not provide for his physical needs, what good is that?

Context

14Me nuanom, sɛ obi ka sɛ, “Mewɔ gyidie” na ɔnni gyidie no ho dwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Saa gyidie no bɛtumi agye no nkwa anaa? 15Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntoma ho hia wɔn na wɔnni aduane dodoɔ nso a wɔbɛdi, 16sɛ wokɔka kyerɛ wɔn sɛ, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hye na monnidi yie” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu deɛ ɛhia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? 17Saa ara na gyidie teɛ. Sɛ nneyɛeɛ nka ho a, na awu. 18Nanso, obi bɛtumi aka sɛ, “Obi wɔ gyidie na afoforɔ nso wɔ nneyɛeɛ.” Me mmuaeɛ ne sɛ, “Kyerɛ me sɛdeɛ obi tumi nya gyidie a nneyɛeɛ mmata ho ase. Me deɛ menam me nneyɛeɛ so bɛkyerɛ wo me gyidie.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.