Yesaia 9:5
Isaiah 9:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔkofoɔ mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa ne atadeɛ biara a mogya akeka mu no wɔbɛgya agu hɔ na wɔahye. Wɔde bɛsɔ ogya.
Isaiah 9:5 in English
Isaiah 9:5 · Berean Standard Bible
For every trampling boot of battle and every garment rolled in blood will be burned as fuel for the fire.
Context
3Woatrɛ ɔman no mu;
woama wɔn ani agye mmoroso;
wɔdi ahurisie wɔ wʼanim
sɛdeɛ nnipa di ahurisie otwaberɛ,
sɛdeɛ nnipa ho sɛpɛ wɔn
wɔ ɛberɛ a wɔrekyɛ afodeɛ. 4Sɛdeɛ da a Midian dii nkoguo no,
saa ara na woadwɛre kɔnnua a ɛda wɔn so no;
saa ara na woayi nhyɛsofoɔ poma
a ɛda wɔn mmatire so. 5Ɔkofoɔ mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa
ne atadeɛ biara a mogya akeka mu no
wɔbɛgya agu hɔ na wɔahye.
Wɔde bɛsɔ ogya. 6Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn,
wɔama yɛn ɔbabanin,
na amammuo no bɛda ne mmati so.
Na wɔbɛfrɛ no
Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn,
Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura. 7Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛ
bɛtena hɔ daa.
Ɔbɛtena Dawid ahennwa so
abu nʼahennie,
Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛ
bɛhyɛ aseɛ na wama atim
afiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem.
Asafo Awurade mmɔdemmɔ
bɛyɛ yei.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.