Native Bible

Isaiah 66:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan na wate biribi sei ho asɛm pɛn? Hwan na wahunu biribi sei pɛn? Wɔbɛtumi de da koro akyekyere ɔmansin anaa wɔbɛtumi akyekyere ɔman ɛberɛ sin bi mu? Nanso awoɔ ka Sion ara pɛ a ɔwo ne mma.

Isaiah 66:8 in English

Isaiah 66:8 · Berean Standard Bible

Who has heard of such as this? Who has seen such things? Can a country be born in a day or a nation be delivered in an instant? Yet as soon as Zion was in labor, she gave birth to her children.

Context

6Montie hooyɛ a ɛfiri kuropɔn no mu, montie gyegyeegye a ɛfiri asɔredan no mu! Ɛyɛ Awurade nnyegyeeɛ a ɔde retua nʼatamfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn. 7“Ansa na ɔbaa bɛkyem no, ɔwo; ansa na ɔbɛte awoɔyaa no, ɔwo ɔbabarima. 8Hwan na wate biribi sei ho asɛm pɛn? Hwan na wahunu biribi sei pɛn? Wɔbɛtumi de da koro akyekyere ɔmansin anaa wɔbɛtumi akyekyere ɔman ɛberɛ sin bi mu? Nanso awoɔ ka Sion ara pɛ a ɔwo ne mma. 9Mede obi bɛduru awokoɔ ano a memma no nwo anaa?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mesi awotwaa ano ɛberɛ a awoɔ aduru so anaa?” Wo Onyankopɔn na ɔseɛ. 10Mo ne Yerusalem ani nnye na monni ahurisie mma no, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no nsɛpɛ mo ho yie, mo a modi ne ho awerɛhoɔ nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.