Yesaia 66:7
Isaiah 66:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ansa na ɔbaa bɛkyem no, ɔwo; ansa na ɔbɛte awoɔyaa no, ɔwo ɔbabarima.
Isaiah 66:7 in English
Isaiah 66:7 · Berean Standard Bible
“Before she was in labor, she gave birth; before she was in pain, she delivered a boy.
Context
5Montie Awurade asɛm,
mo a mote nʼasɛm a mo ho popo:
“Mo nuanom mmarimma a me din enti wɔtane mo
na wɔatwa mo agya no, wɔka sɛ,
‘Monhyɛ Awurade animuonyam,
na yɛahunu mo anigyeɛ!’
Nanso wɔn anim bɛgu ase. 6Montie hooyɛ a ɛfiri kuropɔn no mu,
montie gyegyeegye a ɛfiri asɔredan no mu!
Ɛyɛ Awurade nnyegyeeɛ
a ɔde retua nʼatamfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn. 7“Ansa na ɔbaa bɛkyem no,
ɔwo;
ansa na ɔbɛte awoɔyaa no,
ɔwo ɔbabarima. 8Hwan na wate biribi sei ho asɛm pɛn?
Hwan na wahunu biribi sei pɛn?
Wɔbɛtumi de da koro akyekyere ɔmansin
anaa wɔbɛtumi akyekyere ɔman ɛberɛ sin bi mu?
Nanso awoɔ ka Sion ara pɛ a
ɔwo ne mma. 9Mede obi bɛduru awokoɔ ano a
memma no nwo anaa?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Mesi awotwaa ano
ɛberɛ a awoɔ aduru so anaa?” Wo Onyankopɔn na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.