Native Bible

Isaiah 66:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, ɛna enti ɛbaa mu anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Obi a mʼani sɔ no nie: deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom, na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.

Isaiah 66:2 in English

Isaiah 66:2 · Berean Standard Bible

Has not My hand made all these things?* And so they came into being,” declares the LORD. “This is the one I will esteem: he who is humble and contrite in spirit, who trembles at My word.

Context

1Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Ɔsoro yɛ mʼahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me? 2Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, ɛna enti ɛbaa mu anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Obi a mʼani sɔ no nie: deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom, na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho. 3Nanso, obi a ɔde nantwinini bɔ afɔdeɛ no saa ɔnipa no afɔdeɛ te sɛ onipa a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ, na deɛ ɔde odwammaa ba no, saa onipa no afɔdeɛ te sɛ ɔkraman a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no saa onipa no afɔdeɛ te sɛ prako mogya a wɔde bɔ afɔdeɛ, deɛ ɔhye nnuhwam a ɛwɔ din no saa onipa no afɔdeɛ no te sɛ deɛ wɔde som ɔbosom. Wɔafa wɔn ankasa akwan na wɔn ɔkra ani gye wɔn akyiwadeɛ ho; 4enti me nso mɛpɛ aniɛyaadeɛ ayɛ wɔn na mede deɛ wɔsuro bɛba wɔn so. Ɛfiri sɛ mefrɛeɛ no, obiara annye so, mekasaeɛ no, obiara antie. Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani so na wɔyɛɛ deɛ mempɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.